Museke,

Pụtara Nke "Obrafuor - Adɛn"

Ịghọta "Obrafuor - Adɛn".

"Obrafuor - Adɛn" na-bụ egwu.
Asụsụ ahụ nke egwu ahụ na-bụ Akan.

Pụtara

Obrafuor na-ịhụ enweghị-ego na ịta-ahụhụ.
Ndụ na-nwere enweghị-ego na ịta-ahụhụ.
Ọnye ọbụla na-nwere enweghị-ego na ịta-ahụhụ.
Ọ maka gịnị na-jụọ.

Verse 1
Ade akye awia, aaba, nipa di emia
Pɛ ani kɔhwɛ Makɔla ni Kejetia
Kitikiti, ɛbi retɔ na ɛbi rewia
Abranteɛ yɛ adwuma den na gye w'akotua
Sika nyɛ sika, sika ne deɛ w'abrɛ kita
Ɛwɔ m' sɛ yɛbrɛ Nyame nti daa yɛdidi da
Ɛbi nom sii mu akyɛ, amaneamane nti wɔnduru da
Yɛn nyinaa yɛrehustle, adɛn na worebɛtwe me mogya
Mataheko, Dansoman, me ma mo damirifa
Ɔbra ne bɔ yɛ den ɛnso ɛwɔ sɛ yɛbɔ mmɔden
Obi su "Agyei!", obi so bɔtɔ m' yɛ OK
Sɛ nea ɛteɛ biaa, oburoni se "No pain no gain"
Sɛ wante mfifiri a, wontumi nsi self-contained
Nti Ɔbrafoɔ ato me kasa tenten
Sista, gyae, gyae, na me tankoa da high
Menyaa anka mɛfly nso ɛnya antɔ me lie
Bɔyeɛ, wonni shirt, wobɛyɛ dɛn na w'abɔ flying tie
January, February, May, June, July
Nineteen, ninety-nine, do and die, I no go lie
We dey suffer, we dey hala, chale, Allah walayi
Ɛmma wo ho mpopo, abrɛbrɛsɛ tu wo ho fo
Abrabɔ mu nsɛm, wodwene ho a, wobɛtonko
Asɛm bɛba dabi, ɛnrushe nkɔ ti
Susu biribi, ɛmmfa wo sika nyinaa nkɔwe bayerɛ ne kyofi
Beebi aa nndwoyɛ, ayɛ tawee, ayɛ hot
Ato wo adwendwen, bra, kyerɛ me apio spot
Obi ntumi ngyina gye sɛ wabu 4 tots
Pressure da yɛn so, ayɛ sɛ yɛgyina High Court
Obi ntumi ngyina gye sɛ wabu 4 tots
Pressure da yɛn so, ayɛ sɛ yɛgyina High Court

Chorus
Naa daa, mu yi nsɛm yi (adɛn ne amanesɛm yi)
Na yɛyɛ no dɛn ni (na adɛn ne abɛbrɛsɛ yi)
Na yɛreka no sɛn ni (Ewiase amanesɛm yi)
Sɛ yɛkaayɛ o (n'ahokyerɛ bebreebe yi)
Nipa bɛbrɛ e (na adɛn na abɛbrɛsɛ yi)
Asaase yi so o (yɛrebrɛ)
Nipa bɛbrɛ o (3x) (yɛrebrɛ)

Verse 2
Ɔga eno be easy, 39 days in Agege
Ɔbra no agye m'ani, ama m'atadeɛ to nyinaa atete
Petepetepete, seniwaa ne deede
Chale menhu so, nti mɛba Nkran abɛgye me kenkey
Ɔbra ne amanehu, woka no bebree a, na woreyɛ dede
Na doala, ma brada, na ,true, me ho hyehye me
Mfifiri bɔne ɛfiri me
Mehu sɛ me ho rekyere me
Meda a, menda adeɛ rebɛkye a, na me pressure aba
Mese mentumi nnda, ɛyɛ a, na me pressure aba
Agyanka, dabɛn koraa na me nso me mberɛ bɛba?
Me nko a, me tiri bɔne, mete train mu a na meeso me nneɛma
Kaa papa ammbɔ me, nea ɛɛbɔɔ me no yɛ nkyɛkyɛnma
M'abɛbrɛ, mennim, sɛ ɛyɛ me nkrabea
Anaa sɛ ɛyɛ me nhyɛbrɛ
Sunsum no pɛ, nanso ɔhonam no yɛ mmrɛ
M'adwen saa, m'afɔn, aka me ti, menni honam
Merekɔpɛ biibi akɔdi, ɛne mebɛyɛɛ dɛn na ɛnam
Ankonam, mmɔbrɔwa
Meeyere me ho sɛ deɛ menya me so ne me kakrawa
Ɔbra no gu so rewind me te sɛ gramophone apaawa
Ayere, obiaa de repepere
Oh, Ewurade, dabɛn na me nso me nsoroma bɛpue

Repeat Chorus

Verse 3
Abrabɔ mu nsɛm dɔɔso, ɛtɔ dabi mpo a, menya sika nntɔ drɔɔso
Manyere me ho a, sɛɛ ohia bɛto me chalk
Ajɔs, gyae me na mereyɛ abɔ loss
Wohwɛ me nikaboka ne me guarantee a, mehia socks
Mayɛ mmrɛ, ɔbra no agu me ho sɛ chicken pox
Wohu no sɛn, ɛbaa no sɛn?
Asɛm bɛn, yɛɛyɛ no dɛn?
Akwantu mu nsɛm, wookɔ akɔda na wabɛdi dɛn?
Ɛnyɛ easy, mekae me nipa Jomo, ɛne n'adanfo Tono
Wobɛhu no anɔpa tutuutu na ɔkita ne dondo
Ɔɔbɔ de tɔn n'aduru, alataman mu fifty kobo
Ɔɔbrɛ, n'adwen nyinaa ayɛ no lotto, lotto
Wɔaka akyerɛ me sɛ, nkakra nkakra ɔbɛtɔ Vono
Adwuma bɔne te sɛ krɔnoo, bebree na ɛdi hia
Chale, menni akatua, mede ka a, mɛyɛ dɛn atua?
Wobisa me taku ne daama, simpowa ne kaprɛ, menya
Metwe a, ɛmba, dabi da, empty container
Menyaa anka mɛyɛ winner na makɔgye aburokyire visa
Abusua mo mboa me, due
Asaase yi so, boafoɔ yɛ na, ɛnso yɛka no sɛn, anoma ɛntu a, obua da
Hwɛ abɔnten so, hwɛ nea nipa dasani deda
Deɛ ɔbɛfura, ne deɛ ɔbɛdie, ɔnya, akɔnɔ
Chaley, Bantama kakro, mɛyɛ dɛn na mɛnya bi mɛdi?
Menni sika, mɛyɛ dɛn na mɛnya bi mɛdi?
Bantama kakro, mɛyɛ dɛn na mɛnya bi mɛdi?
Menni sika, mɛyɛ dɛn na mɛnya bi mɛdi?
Awerɛhosɛm, nipa nenam, mɔbɔmɔbɔ
Coins atete yɛn bɔtɔ
Sika nti, buronya so a, na yɛwe akokɔ
Adɛn, abrabɔ
Obi bɛseɛ, more than, more than, yɛntumi nka, yɛntumi nka

Repeat Chorus

© Obrafour

<< Gara Aga | Nke Ozo >>